Leviticus 16:1-6

Mpata Da

1Aaron mmabarima baanu a wowuwuu wɔ Awurade anim no wu akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 2“Bɔ wo nua Aaron kɔkɔ sɛ, ɔnnkɔ kronkronbea hɔ wɔ ntwamtam no akyi; beae a apam adaka no si ne mmɔborɔhunu beae hɔ kwa. Ɔkɔ hɔ a obewu, efisɛ mʼankasa mewɔ omununkum a ɛkata mpata beae so no mu.

3“Sɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ hɔ a, nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ ni: Ɛsɛ sɛ ɔde nantwinini ba ba ma wɔde bɔ bɔne ho afɔre na ɔde odwennini nso ba ma wɔde bɔ ɔhyew afɔre. 4Ɛsɛ sɛ oguare na ɔhyɛ atade hanahana ne ne nhyɛase na ɔbɔ nkyekyeremu ne abotiri. 5Afei, Israelfo bɛbrɛ no mmirekyi abien a wɔde bɛbɔ wɔn bɔne ho afɔre ne odwennini a wɔde bɛbɔ wɔn ɔhyew afɔre.

6“Ɛsɛ sɛ Aaron de nantwi ba no bɛma Awurade sɛ bɔne ho afɔre a ɔrebɔ ama ne ho de ayɛ mpata ama ne ho ne ne fifo.
Copyright information for TwiAKNA